Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 9:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na amamfrafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ananafo bɛtena Asdod, na metwa Filistifo ahantan agu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na amamfrafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ananafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na amamfrafo bɛtena Asdod, na metwa Filistifo ahantan to.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 9:6
13 Referencias Cruzadas  

Obi a Onyankopɔn ama no ahonyadeɛ ne adedodoɔ ne animuonyam, na deɛ ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ ɔnni bie, na ɔnanani bi na ɔdie, yei deɛ, ahuhudeɛ ne ayayadeɛ ne no.


Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi, na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.


Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.


AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie:


na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod ne ahempomakurani afiri Askelon, na mɛdane me nsa atia Ekron, na Filistifoɔ nkaeɛ ayera, AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Wɔn ahantan nti na yei bɛyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa na wɔama wɔn ho so atia asafo AWURADE man no.


Na Gasa bɛyɛ kuro a wɔagya, na Askelon ayɛ akurofo; Asdod deɛ, wɔbɛtu wɔn awia ketee, na Ekron ase nso, wɔbɛtutu.


Askelon bɛhunu na wasuro, na Gasa nso ho apopo biribiri sɛ; na Ekron nso wɔahyɛ n’anidasoɔ aniwuo, na ɔhene bɛyera afiri Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio.


Na mɛyi mogya nam afiri n’anomu, ne n’atantanneɛ afiri ne se mu, na ɔno nso, wɔbɛgya no ama yɛn Nyankopɔn, na wayɛ sɛ Yuda abusua bi, na Ekron ayɛ sɛ Yebusini.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios