Sakaria 8:10 - Twerɛ Kronkron10 Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm10 Bere no nnya nsoe no, na wontua apaade mma nnipa anaa mmoa. Atamfo nti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoe mu, efisɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible10 Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm10 Ɛberɛ no nnya nsoeɛ no, na wɔntua apaadie ho ka mma nnipa anaa mmoa. Atamfoɔ enti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON10 Na nna no nnya mmae no, na nea onipa nya nni hɔ, na nea aboa nya nni hɔ, na nea ofi adi ne nea ɔba mu no, ahohia nti asomdwoe nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa mema onipa ne ne yɔnko dii asi. Ver Capítulo |