Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 6:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Memaa mʼani so bio, na mihuu nteaseɛnam anan a efi mmepɔw abien ntam reba, mmepɔw no yɛ kɔbere mfrafrae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Memaa mʼani so bio, na mehunuu nteaseɛnam ɛnan a ɛfiri mmepɔ mmienu ntam reba, mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ na nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien no ntam reba, na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 6:1
22 Referencias Cruzadas  

Na Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue n’ani na ɔnhunu! Na AWURADE buee aberanteɛ no ani, no ɔhunui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔ no so ma atwa Elisa ho ahyia.


Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,


AWURADE agyina deɛ, ɛgyina hɔ daa, n’akomam adwene wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.


Wo tenenee te sɛ Nyankopɔn mmepɔ, w’atemmuo te sɛ ebunu a emu dɔ. AWURADE, wogye nnipa ne mmoa nkwa.


Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛne AWURADE bɛdi asie.


Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No, na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam; mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani?


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba, de abufuhyeɛ abɛtua n’abufuo so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateatea.


Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia; n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Na yɛawie sɛe!


Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo nie.


Na ɔbɔfoɔ no bua see me sɛ: Yeinom ne ɔsoro mframa nnan a ɛfiri adi firi deɛ wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.


sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


sɛdeɛ ne tirim a ɔbɔɔ no teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no teɛ no.


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios