Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 5:9 - Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna memaa m’ani so mehwɛeɛ, na hwɛ, na mmaa baanu refiri adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn deɛ, na wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa efa no faa asase ne ɔsoro ntam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei memaa me ti so huu mmea baanu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de a wɔde dannan wɔn ho wɔ wim. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ wim, ɔsoro ne asase ntam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna memaa m’ani so mehwɛeɛ, na hwɛ, na mmaa baanu refiri adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn deɛ, na wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa efa no faa asase ne ɔsoro ntam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, memaa me tiri so mehunuu mmaa mmienu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de danedane wɔn ho wɔ ewiem. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ ewiem, ɔsoro ne asase ntam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, mmea baanu refi adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn de, wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa olonka no faa asase ne ɔsoro ntam.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 5:9
9 Referencias Cruzadas  

Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo, asukɔnkɔn wɔ ne fie, pepeaa nnua so.


Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo nim ne berɛ, anyankuku, asomfenakatakyi ne nantwinoma wɛn wɔn ba berɛ, nanso me man deɛ wɔnnim AWURADE ahyɛdeɛ.


Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Na yeinom na monkyire ntuboa mu; monnni, wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ, ɔkɔrewa, ɔkomfufuo,


sukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan.


Ɛnna mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛhe na yeinom de efa susudeɛ no rekorɔ yi?


Na faako a efunu wɔ no, ɛhɔ na apɛtɛ bɛboaboa wɔn ano.


AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios