Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 5:5 - Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adie na ɔbisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, ɛdeɛn na ɛfiri adie yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me se, “Ma wʼani so na hwɛ eyi, nea ɛreba yi.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adie na ɔbisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, ɛdeɛn na ɛfiri adie yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Ma wʼani so na hwɛ yei, deɛ ɛreba yi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna ɔbɔfo a ɔne me kasae no fii adi na obisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, dɛn na efi adi yi?

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 5:5
6 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so kɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔrebukyia ponkɛseɛ no atifi fam na ninkuntwe honi no sie wɔ aboboano.


Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: Pae ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ninkunu kɛseɛ na matwe no Yerusalem ne Sion ho,


Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.


Na ɔbɔfoɔ a ɔrekasa akyerɛ me no ka kyerɛɛ me sɛ: Merebɛkyerɛ wo adekodeɛ a yeinom yɛ.


Na hwɛ, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adi, na ɔbɔfoɔ foforɔ firii adi kɔhyiaa no,


Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no gyee so bisaa me sɛ: Wonnim adekodeɛ a yeinom yɛ? Na mese: Dabi, me wura.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios