Sakaria 12:6 - Twerɛ Kronkron6 Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 “Saa da no, mɛyɛ Yuda mmusua sɛ ogya asanka a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw wɔ nwura a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhyew nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ faako a ɔwɔ. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible6 Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm6 “Saa ɛda no, mɛyɛ Yuda ntuanofoɔ sɛ ogya ayowaa a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ wɔ wira a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhye nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ baabi a ɔwɔ hɔ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON6 Ɛda no, mede Yuda abusua no mɛyɛ sɛ nnyina mu ogya asanka ne afiafi mu gyatɛn, na ahyew aman a atwa ho ahyia nyinaa, anafo ne atifi so, na Yerusalem bɛtena n’asase, Yerusalem hɔ ara. Ver Capítulo |