Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 11:4 - Twerɛ Kronkron

4 Sei na AWURADE me Nyankopɔn kaeɛ: Yɛne okum nnwankuo

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn se: “Fa nguankuw a wɔrebekum wɔn no kɔ adidibea.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Sei na AWURADE me Nyankopɔn kaeɛ: Yɛne okum nnwankuo

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yei ne deɛ Awurade me Onyankopɔn seɛ: “Fa nnwankuo a wɔrebɛku wɔn no kɔ adidibea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn kae: Yɛn okum nguankuw

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 11:4
14 Referencias Cruzadas  

Na wo nti na wɔku yɛn daa nyinaa, wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn.


Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.


Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no.


Na mobɛdwanedwane akɔ me mmepɔ bonhwa mu, na mmepɔ bonhwa no bɛduru Asal tɔnn, na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ no anim, Yudahene Usia berɛ soɔ no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.


Na ɔbuaa sɛ: Israel fie nnwan a wɔayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Yesu see no sɛ: Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios