Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 1:6 - Twerɛ Kronkron

6 Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam, na ɛdane ba atifi fam; ɛde ntwareho kɔ, na ne ntwareho no so na mframa no nam sane ba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mframa bɔ kɔ anafo fam na ɛdan hwɛ atifi fam; ekyinkyin kɔ baabiara, na ɛsan bɔ fa ne kwan so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam, na ɛdane ba atifi fam; ɛde ntwareho kɔ, na ne ntwareho no so na mframa no nam sane ba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam na ɛdane hwɛ atifi fam; ɛkyinkyini kɔ baabiara na ɛsane bɔ fa ne kwan so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Mframa kɔ nifa fam, na ɛdan ba benkum fam; ɛde adannan kɔ, na n’adannan no so na mframa no nam san ba.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 1:6
11 Referencias Cruzadas  

Sɛdeɛ wo ntadeɛ mu hyeɛ, berɛ a anafoɔ mframa ma asase yɛ dinn no?


Ahum firi mpiakyire hɔ ba, na awɔ nso firi atifi fam.


na ɔka maa ahum kɛseɛ tui, na ɛmaa n’asorɔkyeɛ so.


Ɔmaa ahum no yɛɛ komm, na asorɔkyeɛ no yɛɛ dinn.


Nsubɔntene nyinaa sene kɔ po mu, nanso ɛpo nyɛ ma ara da. Faako a nsubɔntene no nenam korɔ no, ɛhɔ ara na ɛsane kɔ bio.


Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ.


Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.


Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios