Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 1:10 - Twerɛ Kronkron

10 Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka no sɛ: Hwɛ, yei yɛ foforɔ anaa? Tete nteredee berɛ a adi yɛn anim no so na ɛbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se: “Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana? Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka no sɛ: Hwɛ, yei yɛ foforɔ anaa? Tete nteredee berɛ a adi yɛn anim no so na ɛbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ: “Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa? Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka sɛ: Hwɛ, eyi de, ɛyɛ foforo, anaa? Tete nteredee bere a edi yɛn anim no so na ɛbae.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 1:10
10 Referencias Cruzadas  

Nkaeɛ biara nni hɔ mma kane nnoɔma no, na daakye nnoɔma a ɛbɛba no nso rennya nkaeɛ biara, deɛ ɛbɛdi akyire aba no nkyɛn.


Adeɛ biara a ɛwɔ hɔ no bɛkɔ so ara awɔ hɔ. Na biribiara a ayɛ no, ɛbɛkɔ so ara ayɛ; na adeɛ foforɔ biara nni hɔ owia ase.


Na medanee m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na ɛdeɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyire no bɛyɛ? Deɛ wɔayɛ no tete nteredee no ara.


Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham.


Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Na sɛdeɛ Yane ne Yambrɛ ne Mose dii asie no, saa ara na yeinom nso ne nokorɛ no di asie. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛeɛ; wɔmfra wɔ gyidie fam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios