Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Obadia 1:7 - Twerɛ Kronkron

7 Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo abɛduru ɛhyeɛ so; wɔn a wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu adaadaa wo afa wo so; wɔn a wɔdii w’aduane asum w’ase fidie; nanso wonnim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bedi wo huammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoe mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wodi wʼaduan no asum wo afiri, nanso, wunhui.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo abɛduru ɛhyeɛ so; wɔn a wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu adaadaa wo afa wo so; wɔn a wɔdii w’aduane asum w’ase fidie; nanso wonnim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bɛdi wo hwammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie, nanso, wonhunuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo, wɔapam wo abedu ɔhye so; wɔn a wo ne wɔn te asomdwoe so adaadaa wo afa wo so; wɔn a wodii w’aduan asum w’ase afiri; nhumu abɔ no.

Ver Capítulo Copiar




Obadia 1:7
16 Referencias Cruzadas  

Na wo, AWURADE, hu me mmɔbɔ, na ma me so, na mentua wɔn so ka!


M’adamfo pa mpo a mede me ho metoo ne soɔ a ɔdii m’aduane bie no, wama ne nantin so atia me.


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Na mate nnipa pii nsekudie, ehu wɔ afa nyinaa, wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyegye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so.


W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo, wɔmmisa w’akyiri kwan. Na ɔtamfoɔ pira na mapira woɔ, otirimuɔdenfoɔ asotwe na mede atwe woɔ, w’amumuyɛ dodoɔ so, ɛnam sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.


Hwɛ, mmaa a wɔaka Yuda ahemfie no nyinaa, wɔbɛfa wɔn afiri adi akɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn, na wɔbɛka sɛ: Wo nnamfo adaadaa wo afa wo so; afei a wo nan hyehyɛ atɛkyɛ mu yi, wɔasane wɔn akyi.


Na wo nso, wo a wɔasɛe woɔ yi, worekyerɛ sɛn ni na wofira tam kɔkɔɔ, na wode sika ahyehyɛdeɛ hyehyɛ wo ho, na wode adubire keka w’ani yi? Ɔkwa ara kwa na wohyehyɛ wo ho fɛfɛɛfɛ. Adɔfo apo wo, wɔrepɛ wo aku wo.


Edom deɛ nie: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nyansa biara nni Teman bio? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?


Mefrɛɛ m’adɔfo, nanso wɔdaadaa me; na m’asɔfoɔ ne me mpanimfoɔ repɛ aduane de ahyɛ wɔn ho den no, wɔtotɔɔ piti kuro no mu.


Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no; ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa, sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina deɛ mma fa mu siane hɔ.


Na Efraim adane sɛ aburuburo, ɔkwasea a ɔnni ti; wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios