Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Obadia 1:4 - Twerɛ Kronkron

4 Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ, na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri, AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wutu kɔ wim sɛ akɔre, na woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a, hɔ na mɛba abɛtwe wo adwira fam.” Sɛnea Awurade se ni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ, na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri, AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Sɛ woma wo ho so sɛ ɔkɔre, na sɛ wode wo berebuw si nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛfa wo afi aduru, AWURADE asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Obadia 1:4
8 Referencias Cruzadas  

Na me nsa aka aman no ahonyadeɛ sɛ pirebuo; na sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no, sɛdeɛ me nso mɛtase asase nyinaa ne no, na obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtrɛɛ n’anomu anaasɛ ɔsuu twee twee.


W’ahodwire ne w’akoma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuro mu, wo a wote nkokoɔ a ɛkorɔn soɔ; sɛ woyɛ wo buo sorosoro sɛ ɔkɔdeɛ mpo a, ɛhɔ ara na mɛyi wo afiri asi fam, AWURADE asɛm nie.


Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro mpo, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den sɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefoɔ bɛfiri aba ne soɔ, AWURADE asɛm nie.


Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.


Ɔnnue, deɛ ɔnya mfasoɔ bɔne ma ne fie, sɛ ɔde ne pirebuo bɛsi sorɔnsorɔmmea na wayi ne ho afiri mmusuo nsam no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios