Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Obadia 1:12 - Twerɛ Kronkron

12 Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wo nua, ɛda a abuo buu no no; ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma wɔn sɛeɛ da no ho, ɛnsɛ sɛ anka wohyehyɛ wo ho wɔ ahohiahia da no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Anka ɛnsɛ sɛ wubu wo nua animtiaa bere a ɔwɔ asiane mu, anaa sɛ wudi ahurusi wɔ Yudafo so bere a wɔwɔ ɔsɛe mu, na mpo wohoahoa wo ho bere a wɔwɔ ahohia mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wo nua, ɛda a abuo buu no no; ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma wɔn sɛeɛ da no ho, ɛnsɛ sɛ anka wohyehyɛ wo ho wɔ ahohiahia da no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, na mpo wohoahoa wo ho ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ wo nua, ɛda a abu buu no no; ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma ho, wɔn sɛe da no; ɛnsɛ sɛ anka wohyehye wo ho, ahohia da no;

Ver Capítulo Copiar




Obadia 1:12
27 Referencias Cruzadas  

Ne da bɛyɛ wɔn a wɔwɔ atɔeɛ ahodwiri, sɛdeɛ ehu kutaa wɔn a wɔwɔ apueeɛ no.


Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho sanee me sɛ bɔne ato no,


Metumi mekan me nnompe nyinaa, wɔn deɛ, wɔhwɛ me de gye wɔn ani.


Ma atorofoɔ ano mmua, wɔn a wɔka ɔteneneeni ho nsɛm a ɛyɛ den ahokyerɛ ne aniammɔho mu no.


Na ɛnam sɛ merekɔhwe aseɛ nti, wɔn ani gye na wɔbɔ kyenku, nkwahumafoɔ ne nnipa a mennim wɔn bɔ me so kyenku, wɔya ara na wɔnnyae.


AWURADE sere no, ɛfiri sɛ wahunu sɛ ne da reba.


Na wagye me, amaneɛ nyinaa mu, na m’ani ahunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ ho.


Me Nyankopɔn de n’adom bɛhyia me, Onyankopɔn bɛma mahunu deɛ mepɛ, m’atɛfoɔ ho.


Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so, na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho.


Deɛ ɔyi ohiani ahi gu ne yɛfoɔ anim ase, deɛ n’ani gye amaneɛ ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Wonam wo nkoa so asopa AWURADE aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ maforo makɔ mmepɔ atifi, Lebanon mu nohoa tɔnn; na matwitwa ne ntweneduro atentene ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu, na makɔ makɔduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu.


W’atamfo nyinaa trɛtrɛ wɔn anomu tia wo; wɔhinam, twɛre wɔn se ka sɛ: Yɛasɛe no! Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara nie! Yɛanya, yɛn ani ahunu!


Ma wo ho nsane wo na w’ani nnye, Edom babaa a wote Us asase soɔ no; wo nso wo so na amanehunu no rebɛtwam aba, wobɛboro na w’adagya ada adi.


Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔ no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yɛnnie so no nyinaa.


Sɛ w’ani gyee Israel fie agyapadeɛ ho sɛ ayɛ afo no, saa ara na mɛyɛ woɔ, afo ara na Seir bepɔ ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mɛkasa atia amanaman nkaeɛ no, ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyadeɛ, wɔn akoma nyinaa anigyeɛ mu, ne ɔkra ho ɛpetoɔ mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ fomfa adeɛ.


Na afei amanaman pii aboa wɔn ano atia wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho ngu fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguaseɛ no.


Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:


Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ!


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no kwan abosome aduanan mmienu.


Monnkasa ahantan kasa bebree saa, mommma asɛm denden mmfiri mo anomu, na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios