Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Obadia 1:10 - Twerɛ Kronkron

10 Atirimuɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwuo bɛkata wo ho, na wɔatwa wo atwene akɔsi daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no nti aniwu bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Atirimuɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwuo bɛkata wo ho, na wɔatwa wo atwene akɔsi daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti aniwuo bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Atirimmɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwu bɛkata wo ho, na wɔatwa wo akyene akosi daa.

Ver Capítulo Copiar




Obadia 1:10
30 Referencias Cruzadas  

Na Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka sɛ: Hwɛ, me nua Esau ho wɔ nwi, na me deɛ, me ho yɛ toromtorom.


Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob.


Ɛfiri sɛ na Edomfoɔ no aba abɛkunkum Yudafoɔ bi na wɔafa binom nnommum.


Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo, na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma.


Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo, na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.


O AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wɔsee sɛ: Monnwiri, monnwiri! Monnwiri nkɔsi ne fapem so!


Na wo nti na magye ahohora, na aniwuo ahyɛ m’ani so ma.


Woatwa ne mmeranteberɛ nna so, wode aniwuo abum ne so.


Nhyira da ɔteneneeni atifi, na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano.


Deɛ ɔyi ohiani ahi gu ne yɛfoɔ anim ase, deɛ n’ani gye amaneɛ ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Sei na AWURADE ka no wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede memaa me man Israel sɛ wɔnnie no, hwɛ, meretutu wɔn afiri wɔn asase so, na mɛtu Yuda fie afiri wɔn mu.


Momma yɛnneda yɛn aniwuo mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom firi yɛn mmɔfraase de abɛduru nnɛ da yi, na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn nne.


Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ Bosra bɛdane ahodwirideɛ, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkuro nyinaa ayeyɛ daa amamfo.


Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa, ahohora akata yɛn anim, ɛfiri sɛ ananafoɔ aba AWURADE fie akronkronneɛ no.


Ma wo ho nsane wo na w’ani nnye, Edom babaa a wote Us asase soɔ no; wo nso wo so na amanehunu no rebɛtwam aba, wobɛboro na w’adagya ada adi.


O Sion babaa, w’amumuyɛ so akatua asa! Ɔremma wo nkɔ so ntena otukorɔ mu; nanso, Edom babaa, ɔbɛba abɛtua w’amumuyɛ so ka, ɔbɛyi wo bɔne so.


Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkuro no, obiara rentena mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


na wɔafirafira ayitoma, na awɔse agu wɔn so; na aniwuo akata anim nyinaa, na wɔn nyinaa atifi bɛpa.


Misraim bɛdane amamfo, na Edom adane nkyɛkyerɛ afo, ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti, ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde afena tii ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuo sɛee adeɛ ara na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.


Na me tamfo bɛhunu, na aniwuo abɛkata ne so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ? Mede m’ani bɛhwɛ no, afei wɔbɛtiatia ne so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.


Nkyiri Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua. Nkyiri Misraimni, ɛfiri sɛ wokɔyɛɛ n’asase so hɔhoɔ.


Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mmra AWURADE badwa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios