Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 92:11 - Twerɛ Kronkron

11 Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so, na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi, mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so, na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi, mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na m’aniwa hu nea mepɛ m’atɛwfo so, na m’aso te nea ɛyɛ me dɛ, abɔnefo a wɔsɔre hyɛ me no ho.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 92:11
7 Referencias Cruzadas  

W’ani nko na wode bɛhwɛ, na woahunu abɔnefoɔ akatua.


Na wagye me, amaneɛ nyinaa mu, na m’ani ahunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ ho.


N’akoma atim, ɔrensuro kɔsi sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔpɛ, n’ahohiahiafoɔ soɔ.


Me Nyankopɔn de n’adom bɛhyia me, Onyankopɔn bɛma mahunu deɛ mepɛ, m’atɛfoɔ ho.


Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no atena so; sɛ wɔhye abɔnefoɔ ase a, wobɛhunu.


Woto me pono, m’atamfoɔ anim, wode ngo fɔ me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.


Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios