Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 86:2 - Twerɛ Kronkron

2 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefoɔ; wo, me Nyankopɔn, gye w’abɔfra a ɔde ne ho twere woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo. Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa a ɔde ne ho to wo so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefoɔ; wo, me Nyankopɔn, gye w’abɔfra a ɔde ne ho twere woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo. Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a ɔde ne ho to wo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefo, wo, me Nyankopɔn, gye w’abofra a ɔde ne ho tweri wo.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 86:2
23 Referencias Cruzadas  

Na monhunu sɛ AWURADE ayi ne dɔfo asi hɔ; mesu mefrɛ AWURADE a, ɔbɛtie.


Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ, mma m’ani nnwu, mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti.


Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.


Meyɛ wo dea, gye me nkwa, na medi wo nsiesieeɛ akyi.


Wo, AWURADE, na madwane abɛtoa woɔ, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo tenenee so gye me,


Na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ, ɔgyee me, ɛfiri sɛ mesɔɔ n’ani.


Onyankopɔn, fa me sie, na wo na medwane bɛtoa wo.


Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,


Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.


Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.


na w’adɔeɛ mu yi m’atamfoɔ hɔ, na sɛe wɔn a wɔha me kra nyinaa, na w’akoa ne me.


Mommoaboa m’ahotefoɔ ano mma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me wɔ apam no.


ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee, na ɔrennya n’ahotefoɔ. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.


Na me deɛ, wo, AWURADE, so na mede me ho matoɔ. Mese: Wone me Nyankopɔn.


Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios