Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 85:12 - Twerɛ Kronkron

12 Nso AWURADE bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Awurade bɛma yɛn nea eye ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Nso AWURADE bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Nso AWURADE bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 85:12
18 Referencias Cruzadas  

Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Asase abɔ n’aduane, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn bɛhyira yɛn.


ɛnneɛ mɛma osuo atɔ ama mo ne berɛ mu, na asase no ama ne nnɔbaeɛ, na mfuo mu nnua aso aba;


Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi.


Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.


Asase no so aburoofuo bɛduru mmepɔ atifi, ɛso aba bɛwoso sɛ Lebanon, na nkuro no asoa sɛ asase so nwira.


Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.


Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Ɛde rekɔsi sɛ wɔbɛfiri soro ahwie honhom no agu yɛn soɔ, na ɛserɛ so adane asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ, na wɔabu asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no sɛ kwaeɛ;


Na asase no bɛba n’aduane na moadi amee, na moatena so dwoodwoo.


Ɔsoro, momma tenenee mfiri soro nsosɔ, na ɛmfiri mununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ɔgyeɛ mmra, na ɛmma tenenee nso mfifi mmra: Me, AWURADE, na mebɔeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios