Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 83:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na wɔde akoma korɔ tu agyina, wo tiri so na wɔpam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔde adwene koro bɔ pɔw; na wɔpam tia wo,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔde akoma korɔ tu agyina, wo tiri so na wɔpam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔde adwene korɔ bɔ pɔ; na wɔpam tia wo,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔde koma koro tu agyina, wo tiri so na wɔpam.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 83:5
19 Referencias Cruzadas  

hwɛ, deɛ wɔde retua yɛn ka ne sɛ wɔaba rebɛtu yɛn afiri w’agyapadeɛ a wɔde maa yɛn sɛ yɛnni soɔ no soɔ.


Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no deɛ Mordekai fire, na Haman hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ Akas-weros ahennie nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfoɔ no nyinaa.


anka wɔn abufuo dɔ tiaa yɛn no, wɔamemmene yɛn animono,


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,


Wɔkae wɔn akoma mu sɛ: Momma yɛmmia wɔn nkɔ fam prɛko. Wɔahyehye Nyankopɔn ahyiaeɛ nyinaa asase so.


Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛne AWURADE bɛdi asie.


Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.


Wonhunuu deɛ ɔman yi reka sɛ: Mmusua mmienu a AWURADE yiiɛ no, wapo wɔn, no anaa? Na wɔbu me man animtia, sɛ wɔnnyɛ wɔn ani so ɔman bio.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Filistifoɔ atɔ ne so were, na wɔde abufuo kɛseɛ atɔ wɔn so were sɛ wɔde daa ɔtane bɛsɛe wɔn no nti,


Na afei amanaman pii aboa wɔn ano atia wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho ngu fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguaseɛ no.


Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?


Yeinom wɔ adwene korɔ, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.


Na mehunuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ano, na wɔne deɛ ɔte pɔnkɔ fitaa no soɔ no ne ne dɔm rebɛdi ako.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios