Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 80:5 - Twerɛ Kronkron

5 Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔdii, na wode nisuo maa wɔnomee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wode nusu yɛɛ aduan maa wɔn dii; wode nusu kuruwama maa wɔn nomee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔdii, na wode nisuo maa wɔnomee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ; wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Wode nusu yɛɛ aduan ma wodii, na wode nusu ma wɔnomee.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 80:5
9 Referencias Cruzadas  

Adeɛ a me kra ampɛ sɛ ɛbɛka me no, ɛno ara na ayɛ me aduane a ɛyɛ me nwunu.


Na madi nso sɛ aduane, na mede esu mafra m’anonneɛ mu.


Me nisuo ayɛ me aduane awia ne anadwo, sɛ wɔse me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan?


Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa, na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya?


Na AWURADE bɛma mo ahohia mu aduane ne ahodwan mu nsuo deɛ, nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ remfa ne ho nsie bio, na mmom w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ no.


Wode abufuo kataa wo ho, na wotii yɛn, woakum, woanni adɔna.


Wode mununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu amma wo hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios