Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 71:2 - Twerɛ Kronkron

2 Fa wo tenenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wo trenee no nti, yi me na gye me; tie me na gye me nkwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Fa wo tenenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wo tenenee no enti, yi me na gye me; tie me na gye me nkwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Fa wo trenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 71:2
12 Referencias Cruzadas  

AWURADE, tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotosrɛ, wo nokorɛdie mu gye me so, wo tenenee mu.


Wo din nti, AWURADE, ma mennya nkwa, wo tenenee mu yi me kra firi ahohia mu,


Ma bembuo mfiri w’anim mmra, ma w’ani nhwɛ adeɛ a ɛtene mu.


Ao, Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, na wobɛgye me so. Yɛ aso ma me, tie me nsɛm.


Wo, AWURADE, na madwane abɛtoa woɔ, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo tenenee so gye me,


yɛ aso ma me, yɛ ntɛm gye me. Yɛ me dwanekɔhyɛbea botan ne srɔnsrɔn so aban sɛ wɔbɛgye me nkwa.


AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.


O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.


Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛyɛ nipa deɛ; na Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro deɛ mobɛtumi soɔ, na mmom ɔbɛma kwan a mode bɛfiri sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios