Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 6:6 - Twerɛ Kronkron

6 M’apinisie ama mabrɛ, anadwo biara, me mpa fɔ, mede me nisuo mefɔ me nnaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Apinisi ama mayɛ mmerɛw. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa, na me nusu fɔw me sumii.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 M’apinisie ama mabrɛ, anadwo biara, me mpa fɔ, mede me nisuo mefɔ me nnaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 M’apinisi ama mabrɛ, anadwo biara me mpa fɔw, mede me nusu mefɔw me nnae.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 6:6
23 Referencias Cruzadas  

Me sufrɛ ama mabrɛ, me mene mu awe, mahwɛ me Nyankopɔn kwan ama m’ani abu.


Me nisuo ayɛ me aduane awia ne anadwo, sɛ wɔse me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


AWURADE, deɛ mepɛ nyinaa da w’anim, na m’apenepene nhunta wo.


Nisuo ama m’ani ayɛ samoo, m’ayamdeɛ kyinkyim, m’akoma ate, ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti, ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti, kuro no mmorɔno so.


Yeinom nti na mesu. M’aniwa kyi nisuo gu fam, ɛfiri sɛ me werɛkyekyefoɔ a ɔbɛdwodwo me kra ne me ntam ware; me mma ayɛ pasaa, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nim.


Esu ara na ɔsu anadwo, na nisuo sensane n’afono ho. Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu ɔwerɛkyekyefoɔ biara; ne mfɛfoɔ nyinaa atwitwa no nkontompo, wɔadanedane no atamfoɔ.


Ɛnnɛ na m’abooboodie mu ayɛ den, na me pira ayɛ den asene m’apinisie.


Me nnamfo mpo di me ho fɛw, nanso Onyankopɔn na m’ani porepore nisuo ma no.


saa ara na wɔama madi abosome hunu, na wɔabu ɔhaw anadwo ama me.


na ɔbɛgyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ɔfirii aseɛ de nisuo no fɔɔ ne nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ho, na ɔfee ne nan ho, na ɔde ngo hwamhwam no sraa ho.


Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: M’ani porepore nisuo anadwo ne awia, na ɛnnyae, ɛfiri sɛ wɔde bobɔ kɛseɛ abobɔ me man babaa baabunu, wɔapira no ma no ayɛ ya sɛ.


Amaneɛ ama m’ani akusa, mefrɛ wo, AWURADE, da mu nyinaa, metrɛ me nsam mekyerɛ wo.


AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nisuo ho, na meyɛ wo hɔhoɔ, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.


Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.


AWURADE, tie, na hu me mmɔbɔ! AWURADE, bɛboa me!


Wɔbɛka w’adɔeɛ ɛda mu anaa wo nokorɛdie ɔsɛeɛ amena mu?


Ɛnyɛ awufoɔ na ɛbɛyi AWURADE ayɛ, na ɛnyɛ wɔn a wɔsiane kɔ kommyɛ mu biara.


Na Asamando rentumi nna wo ase, na owuo rentumi nkamfo wo. Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ntwɛn wo nokorɛ;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios