Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 47:5 - Twerɛ Kronkron

5 Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigye nteɛteɛmu mu, Awurade wɔ torobɛnto nnyigyei mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Onyankopɔn de anigye huro kɔ ɔsoro, AWURADE de torobɛnto gyigye kɔ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 47:5
26 Referencias Cruzadas  

Monto mma deɛ ɔte tete soro mu soro. Hwɛ, ɔma wɔte ne nne a ɛyɛ tumi nne.


ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane,


ntɛm so, mpofirim, totorobɛnto a ɛdi akyire no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn totorobɛnto na awufoɔ no anyane sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da, na yɛn deɛ yɛbɛsakyera.


Monyi no ayɛ ntotorobɛnto nne so, monyi no ayɛ bɛnta ne sankuten so.


Na AWURADE nyanee sɛ obi a ɔfiri nna mu, sɛ ɔkatakyie a nsa ma no huro,


Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ ne totorobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae.


Na sɛ wɔhyɛne osebɔ abɛn no na mote totorobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛseɛ, na kuro no ho fasuo no bɛhwe fam tim, na ɔman no mforo nkɔ wɔn anim tee.


Wanhunu amumuyɛ Yakob mu, na wanhunu ɔhaw Israel mu. AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi, na ɔhene ho ahurisie wɔ ne mu.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose, Ɔhene AWURADE anim.


Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.


Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.


Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛne ne ntotorobɛnto ne nsambɔ ne nnawuro mu, wɔde mmɛnta ne nsankutene maa wɔtee nka.


Na Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, Eliesa, asɔfoɔ no, ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto, Nyankopɔn adaka no anim. Na Obed-Edom ne Yehia ne adaka no apono ano ahwɛfoɔ.


Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da!


Hwɛ, mɛtwi mo asefoɔ anim, na mabɔ sɛbeɛ mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbeɛ no, na wɔasesa mo aka ɛno ho akɔ;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios