Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 42:9 - Twerɛ Kronkron

9 Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afiri me? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se, “Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo, mʼatamfo nhyɛso nti?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afiri me? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ afiri me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo, mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Mɛka makyerɛ Onyankopɔn, me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew?

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 42:9
19 Referencias Cruzadas  

Mapompono na mapua koraa, da mu nyinaa mede awerɛhoɔ menam foofoo.


Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


Adɛn nti na, Yakob, woka, na Israel, wokasa sɛ: Me kwan ahunta AWURADE, na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmuo so?


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim bebree bi.


AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no.


Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho anaa? Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a, me deɛ, me werɛ remfiri wo.


Na mesane mehwɛɛ nhyɛsoɔ a wɔyɛ no owia aseɛ no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo, na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara, na nhyɛsofoɔ nsam den no mu no, wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bie!


Amaneɛ ama m’ani akusa, mefrɛ wo, AWURADE, da mu nyinaa, metrɛ me nsam mekyerɛ wo.


na wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn botan, na ɔsorosoro Nyankopɔn ne wɔn gyefoɔ.


Onyankopɔn werɛ afiri adom, anaasɛ ɔde abufuo atwe ne mmɔborɔhunu ato ne yam?


ɔtamfoɔ nne ne ɔbɔnefoɔ ahodwan nti. Na wɔbɔ mmusuo gu me so, na wɔde abufuo tane me.


Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa? Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn?


sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios