Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 27:3 - Twerɛ Kronkron

3 Sɛ dɔm kyere me so nsraban a, m’akoma rentu; sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu mpo na me ho tɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, me koma rentu; mpo sɛ wotu me so sa a, ɛno mu koraa na minya awerehyɛmu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Sɛ dɔm kyere me so nsraban a, m’akoma rentu; sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu mpo na me ho tɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, mʼakoma rentu; mpo sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ dɔm bɔ me ho nsra a, me koma rentu; sɛ wotu me so sa a, ɛno mu po na me ho tɔ me.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 27:3
17 Referencias Cruzadas  

na ɔkaa sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfoɔ ne Ɔhene Yehosafat, montie! Sɛ AWURADE se mo nie: Mo deɛ, monnsuro na mo akoma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn.


Ɛnyɛ wo Nyamesuro ne deɛ wode wo ho to soɔ, na w’akwan a ɛtene ne w’anidasoɔ anaa?


Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, n’akoma si hɔ pintinn da AWURADE so.


Mensuro nkurɔfoɔ mpempem a wɔabɔ me ho nsraban ahyia yi.


O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye, woabubu abɔnefoɔ se.


Teneneefoɔ nso bɛhunu asuro, na wɔasere no sɛ:


na mommma atamfoɔ nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ yera a wɔbɛyera no nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn, nanso mo deɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ ma mo, na yei firi Onyankopɔn,


Na sɛ tenenee nti mohunu amane nso a, nhyira ne mo. Na monnsuro wɔn ho hu, na mommma mo akoma nntu.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Na ɔko no kɔɔ so ara, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde ekumkɛseɛ kumm wɔn, na wɔdwane firii n’anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios