Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 21:7 - Twerɛ Kronkron

7 Ɛfiri sɛ ɔhene ani da AWURADE so, na deɛ ɔwɔ sorosoro adɔeɛ nti ɔrenhinhim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti, ɔrenhinhim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛfiri sɛ ɔhene ani da AWURADE so, na deɛ ɔwɔ sorosoro adɔeɛ nti ɔrenhinhim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti, Ɔhene renhinhim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Efisɛ ɔhene ani da AWURADE so, na nea ɔwɔ sorosoro adɔe nti ɔrenhinhim.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 21:7
17 Referencias Cruzadas  

Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,


Mede AWURADE masi m’anim daa, na ɔwɔ me nifa yi, merenhinhim.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.


Otumfoɔ, fa w’afena bɔ w’asene, fa w’animuonyam ne w’ahensɛm bɔ abɔsoɔ.


Mɛtena wo ntomadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.


bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ.


Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!


Na bio: Mede me ho bɛto ne so. Na bio nso: Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.


Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios