Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 19:6 - Twerɛ Kronkron

6 N’adifire wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kɔduru ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfiri ne hyeɛ ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Epue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akosi ano; biribiara nsiw ne hyew ho kwan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 N’adifire wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kɔduru ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfiri ne hyeɛ ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akɔsi ano; biribiara nhinta ne hyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 N’adifi wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kodu ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 19:6
7 Referencias Cruzadas  

Mununkum yɛ no nkataho, na ɔnhunu adeɛ, na ɔsoro kɔntɔnkrɔn so na ɔnanteɛ.


N’asafo ano wɔ abuyɛ anaa? Na hwan na ne hann renhyerɛn ne soɔ?


Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ, AWURADE din sɛ ayeyie.


Sɛ mefa adekyeeɛ ntaban metu mekɔtena ɛpo akyiri nohoa a,


Owia pue, na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a ɛfiri pue hɔ.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios