Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 18:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na ɔkuntunuu ɔsoro mu, na ɔsii fam, na esum kabii wɔ ne nan ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ofii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu nʼanan ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔkuntunuu ɔsoro mu, na ɔsii fam, na esum kabii wɔ ne nan ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na okuntun ɔsoro mu, na osii fam, na sum kabii wɔ ne nan ase.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 18:9
17 Referencias Cruzadas  

Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


Ɔno na ɛberɛ no mu ne nne wosoo asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwoso prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso.


Yesu bua see no sɛ: Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, na akyire yi na wobɛte aseɛ.


Na ɛbɔɔ awia dummienu no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii nnɔnmmiɛnsa.


Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.


Na AWURADE firi Sion bobom na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowoso; nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.


Ɔkuntunuu ɔsoro na ɔdurui fam, na esum kabii wɔ ne nan ase.


Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.


Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din, montoto kwan yie mma deɛ ɔte adeɛ so nam ɛserɛ so reba, ne din de AWURADE, na monni n’anim ahurisie.


Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri.


Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehye adeɛ, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.


Ogya di n’anim, na ɛrehye n’ahohiahiafoɔ hyia.


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba, de abufuhyeɛ abɛtua n’abufuo so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateatea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios