Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 16:6 - Twerɛ Kronkron

6 Me susuhoma akɔfa deɛ ɛyɛ ama me, aane, apɛgyadeɛ no yɛ me fɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me; ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Me susuhoma akɔfa deɛ ɛyɛ ama me, aane, apɛgyadeɛ no yɛ me fɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka; ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Me hye hama akɔfa nea eye ama me, yiw, apɛgyade no yɛ me fɛ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 16:6
13 Referencias Cruzadas  

Wobɛto ɔhene nna so, na ne mfeɛ akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.


Ɔpampamm amanaman, wɔn anim, na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so, na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.


Na mese: Mede wo bɛsi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo animuonyam apɛgyadeɛ, mama wo. Na mese: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensane mfiri m’akyiri bio.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.


Yesu see no sɛ: Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ ne Kristo yɔnkoadedifoɔ, nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no animuonyam bi.


na moate aseɛ, na moahunu ne frɛ anidasoɔ no ne n’apɛgyadeɛ animuonyam ahonya wɔ ahotefoɔ no mu.


Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios