Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 143:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu, na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na mfa w’akoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara renni bem w’anim.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 143:2
12 Referencias Cruzadas  

Sɛ wɔyɛ wo bɔne — ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn abufuo, na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfoɔ asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,


Na yei so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmuo mu w’anim?


Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene?


Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ?


Ɔdasani tene sene Onyankopɔn, anaa onipa ho te sene ne yɛfoɔ?


AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a, hwan na anka ɔbɛgyina?


deɛ ɔkora adɔeɛyɛ ma mpempem, na ɔde amumuyɛ ne mmarato ne bɔne kyɛ, na bem na ɔmma ɔbɔnefoɔ nnie, ɔtua nananom amumuyɛ so ka fa mma ne mma mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.


Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.


Na yɛnim sɛ wɔmfiri mmara nnwuma mu na wɔbu onipa bem, gye sɛ ɛnam Yesu Kristo gyidie mu nti, yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafiri Kristo gyidie mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem.


Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma no dane ɔtorofoɔ, na n’asɛm no nni yɛn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios