Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 14:3 - Twerɛ Kronkron

3 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 14:3
25 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn hunuu asase, na hwɛ, asɛe, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.


Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ, onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo!


Mafom kwan sɛ odwan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfiri wo mmara nsɛm.


Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.


M’akuro bɔn na aporɔ m’agyimisɛm nti.


Abɔnefoɔ bɔ ko firi ɔyafunum, wɔfiri wɔn na yam fom kwan di atorɔ.


Ɛnna Farao sɔree anadwo no ara, ɔne ne nkoa nyinaa ne Misraimfoɔ nyinaa, na esu kɛseɛ baa Misraim, ɛfiri sɛ na efie biara nni hɔ a efunu nni mu.


Na AWURADE yɛɛ deɛ Mose kaeɛ no, na ɔyii nwansena no firii Farao ne ne nkoa ne ne man so; anka baako mpo.


Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


Na bɔne mmienu na me man ayɛ: Wɔagya me a meyɛ nkwa asutire no, sɛ wɔrekɔbɔre mmura a apaepae a ɛntumi nkura nsuo.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,


Meka yei mehyɛ mo aniwuo. Onyansafoɔ baako mpo nni mo mu a ɔbɛtumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.


Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.


Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu nnipa yi mu biara renhunu asase pa a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo nananom no!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios