Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 136:6 - Twerɛ Kronkron

6 Deɛ ɔde asase trɛɛ nsuo soɔ no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔno na ɔtrɛw asase mu de kataa nsu so. Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Deɛ ɔde asase trɛɛ nsuo soɔ no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nea ɔde asase trɛw nsu so no, na n’adɔe wɔ hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 136:6
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔno na ɔhyɛɛ aseɛ, ɛpo so, na ɔde atintim asukɛseɛ soɔ.


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.


Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo a ɛwɔ ɔsoro aseɛ no mmoaboa ano wɔ faako, na wɔnhunu asase pɛsɛɛ. Na ɛyɛɛ saa.


Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie: Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa, deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no, deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho;


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:


Ɔno na ɔtrɛ ɔsoro a ɛbirie no mu ahunumu, na ɔde asase sɛne deɛ biribi nnie.


AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:


Ɔno na ɔte asase kɔntɔnkrɔn soɔ, na ɛsotenafoɔ te sɛ ntutummɛ; ɔno na ɔtrɛ soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntomadan a wɔtena mu;


Wo ne no na ɛde ewiem tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔaguo no trɛɛ hɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios