Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 13:4 - Twerɛ Kronkron

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mihim a, m’ahohiahiafo anni ahurusi.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 13:4
17 Referencias Cruzadas  

Na afei seesei nko ara na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ adom akyerɛ yɛn, ama wɔagya yɛn nkaeɛ a wɔafiri mu afire, nanso wɔama yɛn pɛɛwa wɔ ne kronkronbea, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛte yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu.


Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Na ɔrenhinhim da biara da, ɔteneneeni bɛyɛ daa nkaeɛ.


Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ, mma m’ani nnwu, mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti.


Mma m’atamfoɔ atorofoɔ no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtane me kwa no mmmu me anikyeɛ!


Mma wɔnnka no wɔn akoma mu sɛ: Wiɛ, deɛ yɛpɛ ni! Mma wɔnnka sɛ: Yɛamene no.


Na mese: Mma wɔn ani nnnye wɔ me ho, na sɛ me nan watiri a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so.


Dane w’adesoa to AWURADE so, na ɔbɛsɔ wo mu, ɔremma ɔteneneeni ntwe n’anan mu da.


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim bebree bi.


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim.


AWURADE, sɔre, mma ɔdasani nnni nim, ma wɔmmu amanaman atɛn w’anim.


Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na ateneneefoɔ nhini rempusu.


Na wɔne wo bɛdi ako, nanso wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie.


Yeinom nti na mesu. M’aniwa kyi nisuo gu fam, ɛfiri sɛ me werɛkyekyefoɔ a ɔbɛdwodwo me kra ne me ntam ware; me mma ayɛ pasaa, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nim.


Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios