Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 118:15 - Twerɛ Kronkron

15 Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu, AWURADE nifa di mmaninsɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Osebɔ ne nkonimdi gyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu, AWURADE nifa di mmaninsɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Osebɔ ne nkonimdie gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Osebɔ ne nim gyigye treneefo ntamadan mu, AWURADE nifa di abaninsɛm.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 118:15
21 Referencias Cruzadas  

Tumi basa ne mmarimayɛ wɔ wo, wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so.


Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ, na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ.


AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.


Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, mobɛdi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo deɛ, sukɔm bɛde mo; hwɛ, me nkoa ani bɛgye, na mo deɛ, mo ani bɛwu;


Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapadeɛ daa, na ɛno na ɛma m’akoma ani gyeɛ.


Na teneneefoɔ deɛ, wɔn ani bɛgye, wɔbɛdi Nyankopɔn anim ahurisie na wɔn ho asane wɔn, anigyeɛ mu.


Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.


Ateneneefoɔ, momma mo ani nnye AWURADE ho, na monni ahurisie! Akoma mu teefoɔ nyinaa, momfa anigyeɛ nhuro!


Na fa w’ahensɛm no te mu kɔ w’anim ma nokorɛ ne tenenee a wɔabrɛ no aseɛ, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’adeɛ a ɛyɛ hu.


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kuro apono mu, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔnni mo mu kyɛfa anaa agyapadeɛ.


W’ahyɛdeɛ adane me nnwom, m’ahɔhoyɛ fie mu.


Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm.


AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ, wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyire kwan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios