Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 113:3 - Twerɛ Kronkron

3 Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ, AWURADE din sɛ ayeyie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ, AWURADE din sɛ ayeyie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Efi owiapuei kɔpem n’atɔe, AWURADE din sɛ ayeyi.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 113:3
14 Referencias Cruzadas  

Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ, na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.


Onyankopɔn, sɛ wo din teɛ no, saa na w’ayeyie teɛ de kɔsi asase ano ano; tenenee ahyɛ wo nsa nifa ma.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.


Na ahemfo nyinaa bɛkoto asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no.


Amanaman a woyɛeɛ nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, AWURADE, na wɔabɛhyɛ wo din animuonyam.


Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ: Animuonyam nka Ɔteneneeni no. Na mese: Meresa, meresa, mennue! Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.


Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurisie! mmepɔ nso, momfrɛ nserehehe dwom! Na AWURADE akyekyere ne man werɛ, na wahunu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ!


Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ, ne n’animuonyam afiri owia puebea, na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.


Na afei deɛ, AWURADE animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo kata ɛpo soɔ.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios