Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 102:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na me nna hi sɛ wisie, na me nnompe adɔ sɛ mmukyia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Me nkwanna reyera te sɛ wusiw; me nnompe adɔ sɛ nyansramma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na me nna hi sɛ wisie, na me nnompe adɔ sɛ mmukyia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Me nkwa nna reyera te sɛ wisie; me nnompe hyehye te sɛ egya.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na me nna hi sɛ owusiw, na me nnompe adɔ sɛ muka.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 102:3
11 Referencias Cruzadas  

Me wedeɛ abiri rewae afiri me ho, na ahuhuro nti me nnompe ahye.


Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wisie mu, nanso me werɛ mfiri w’ahyɛdeɛ.


Nyi w’anim nhunta me, mfa abufuo mpamo w’akoa. Me boafoɔ ne wo, nto me ntwene, na nnya me, me nkwagyeɛ Nyankopɔn.


Na me nkwa ahwere yea mu, na me mfeɛ ahwere ahomeguo mu. M’amumuyɛ nti m’ahoɔden so ahwan, na me nnompe ahodwo.


Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakɔgya me.


Na abɔnefoɔ deɛ, ɔbɛyera, na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren, wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.


W’abufuhyeɛ nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti nkwahosan bi nni me nnompe mu;


Wama ogya firi soro aduru me nnompe mu, na ɛdidi mu; wasum me nan fidie, wama masane m’akyi. Wama mayɛ pasaa, meyɛ hodwoo daa nyinaa.


Wama me honam ne me werɛ ayɛ afo, wabubu me nnompe mu.


Nanso monnim deɛ ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne deɛn? Ɛfiri sɛ moyɛ huhuro a ɛyi ne ho kakra, na afei ɛyera.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios