Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 102:26 - Twerɛ Kronkron

26 Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa. Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtetew te sɛ atade. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntama, na wɔbɛtow wɔn agu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa. Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete te sɛ atadeɛ. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma na wɔbɛto wɔn agu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Ɛno de, ɛbɛsɛe, na wo de, wutim hɔ daa. Wɔn nyinaa besuw sɛ atade, wɔbɛsakra wɔn sɛ atade, na wɔasakra.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 102:26
14 Referencias Cruzadas  

Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpaeɛ sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko wone Onyankopɔn asase so ahennie nyinaa mu; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem? Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ!


Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa, na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE ME ARA. Na ɔse: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: ME ARA na asoma me mo nkyɛn.


Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ, na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.


Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.


Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na wɔrenkae kane nnoɔma no na ɛremma adwene mu bio;


Na sɛdeɛ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a mɛyɛ no bɛgyina m’anim no, AWURADE asɛm nie, saa ara na mo asefoɔ ne mo din bɛgyina.


Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ ɛno ara na ɛpɛ, na mmom deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no ntira, anidasoɔ mu,


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane soro ne kane asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios