Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 102:18 - Twerɛ Kronkron

18 Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Monkyerɛw eyi mma nkyirimma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo Awurade;

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Montwerɛ yei mma nkyirimma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnnya nwoo wɔn bɛkamfo Awurade;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Wɔbɛkyerɛw eyi ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no beyi AWURADE ayɛ,

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 102:18
21 Referencias Cruzadas  

momfa mo ani nkari n’afasuo, monhwehwɛ n’aban mu yie, na moaka akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛdi mo akyire no,


Ma ɔsoro ne asase nyi no ayɛ, ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa.


Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so.


ɔman a manwono wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.


obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’animuonyam, menwonoo no na meyɛɛ no no.


Na yeinom na wɔatwerɛ sɛ monnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Nyankopɔn Ba, na mogye di a, moanya nkwa ne din mu.


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Na yeinom nyinaa siiɛ, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔatwerɛ no sɛ afotuo ama yɛn a wiase berɛ awieeɛ ato yɛn yi.


Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.


Nanso mɛbɔ mmɔden, na me wiasefire akyiri no, moatumi akae yeinom da biara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios