Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 10:1 - Twerɛ Kronkron

1 AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri, na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa? Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri, na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa? Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE, adɛn nti na wugyina akyirikyiri, na wode wo ho hintaw ahokyere bere mu?

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 10:1
13 Referencias Cruzadas  

Adɛn nti na wode w’ani hunta, na wobu me wo tamfo?


Na ɔyɛ n’adeɛ benkum a, m’ani mmɔ no so, ɔmane nifa a, menhu no.


Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,


Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me? Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.


Nyi w’anim nhunta me, mfa abufuo mpamo w’akoa. Me boafoɔ ne wo, nto me ntwene, na nnya me, me nkwagyeɛ Nyankopɔn.


AWURADE, wode w’anisɔ ama me atim denden sɛ bepɔ, na wode w’ani huntaa no, m’akoma tui.


Adɛn nti na woyi w’ani hunta, na wo werɛ firi yɛn amaneɛ ne yɛn so hyɛ no?


Na wɔabrɛ yɛn kra ase kɔ mfuturo mu, yɛn yafunu butu fam.


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


AWURADE, adɛn na woto me kra twene, adɛn nti na wode w’anim hunta me?


O Israel anidasoɔ, wo a wogye wɔn ohia berɛ mu, ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?


Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma, sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnya yɛn hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios