Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:7 - Twerɛ Kronkron

7 Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 na mpo, woayi adiyifo bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem se, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wugye to mu sɛ, saa asɛm yi beduu ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔkɔ so ka sɛ, woayi adiyifoɔ bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wogye to mu sɛ, saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Nanso woahyehyɛ adiyifo a wɔbɛpae wo ho asɛm Yerusalem se: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene bɛte asɛm yi. Na afei bra na yenhyia ntu agyina.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:7
10 Referencias Cruzadas  

Na afei, hwɛ, Adoniya na ɔredi hene yi; nanso, me wura ɔhene, wonnim.


Na ɛnnɛ wasiane kɔ, na wakɔkum anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan bebree, na wahyia ɔhene mma nyinaa ne asafohene ne Ɔsɔfoɔ Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adoniya nkwa so!


Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan nsra no ngo mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛne totorobɛnto sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so oo!


Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfoɔ Abiatar dii atirimusɛm, na wɔdii Adoniya akyi boaa no.


Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.


Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.


Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios