Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:14 - Twerɛ Kronkron

14 Nso ɛfiri da a wɔde me yɛɛ Yuda asase so amrado no, ɛfiri Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu kɔsi afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mfeɛ dummienu, me ne me nuanom anni amrado aduane.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Bio, mfe dumien a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahenni mfe aduonu kosi mfe aduasa abien so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfo nnyee yɛn akɔnhamabɔde da.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Nso ɛfiri da a wɔde me yɛɛ Yuda asase so amrado no, ɛfiri Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu kɔsi afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mfeɛ dummienu, me ne me nuanom anni amrado aduane.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na mepɛ sɛ meka sɛ, mfeɛ dumienu a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduasa mmienu so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfoɔ nnyee yɛn akɔnhomabɔdeɛ da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Nso efi da a wɔde me sii Yuda asase so amrado no, efi ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu kosi afe a ɛto so aduasa abien so no, mfe dumien, me ne me nuanom anni amrado aduan.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:14
9 Referencias Cruzadas  

Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,


Na yei nyinaa mu no na menni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyiri no, mebisaa ɔhene hɔ kwan,


Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.


Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.


Na afei m’akatua ne deɛ ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios