Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:32 - Twerɛ Kronkron

32 Na ntweaso abansoro dan no ne Nnwan Pono no ntam no, sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ na wɔmiamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Sikadwumfo a wɔaka no ne aguadifo no siesiee ɔfasu no fii saa twea so hɔ de kosii Nguan Pon no ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

32 Na ntweaso abansoro dan no ne Nnwan Pono no ntam no, sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ na wɔmiamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Sikadwumfoɔ a wɔaka no ne adwadifoɔ no siesiee ɔfasuo no firii saa ntweasoɔ hɔ de kɔsii Nnwan Ɛpono no ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Na twea abansoro dan no ne nguan pon no ntam no, sika adwumfo ne aguadifo na amiamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:32
5 Referencias Cruzadas  

de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.


Ɔno so na Malkia, sika dwumfoɔ ba no, bɛtoaeɛ kɔsii nsɔfokwaa ne adwadifoɔ no fie, Badwa Pono no ntentensoɔ kɔsii ntweaso abansoro dan no ho.


Deɛ ɛtoa wɔn so na Harhaia ba Usiel a ɔfiri sika adwumfoɔ mu no miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Hanania, nnufrafoɔ ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kɔsii ɔfasuo tɛtrɛtɛ no so.


Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios