Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:23 - Twerɛ Kronkron

23 Wɔn so na Benyamin ne Hasub bɛtoaeɛ wɔn fie ntentensoɔ. Wɔn so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoaeɛ wɔ ne fie ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Wɔn so na Benyamin ne Hasub bɛtoaeɛ wɔn fie ntentensoɔ. Wɔn so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoaeɛ wɔ ne fie ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Ɔno so na Benyamin ne Hasub bɛtoae wɔn fi ntentenso. Ɔno so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoae ne fi ho.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:23
7 Referencias Cruzadas  

Seraia, Asaria, Yeremia,


Deɛ ɛtoa wɔn so mu na Harumaf ba Yedaia miamiaa ne fie ntentensoɔ deɛ no mu. Deɛ ɛtoa ne so mu na Hasabneia ba Hatus miamiaa mu.


Ɔno so na asɔfoɔ no, Yordan nsunoafoɔ no, bɛtoaa so miamiaa mu.


Ɔno so na Henadad ba Binui bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛka ho no mu de, firi Asaria fie no ho kɔsii kokoa no mu ne ntweaso no ho.


Na Ɔtwerɛfoɔ Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn, a asɛm no nti wɔyɛeɛ no so. Na Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios