Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:21 - Twerɛ Kronkron

21 Ɔno so na Hakos ba Uria ba Meremot bɛtoa miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu de firi Eliasib fie pono ano kɔsii Eliasib fie awieeɛ nohoa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Ɔno so na Hakos ba Uria ba Meremot bɛtoa miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu de firi Eliasib fie pono ano kɔsii Eliasib fie awieeɛ nohoa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nana nso, siesiee ɔfasuo no fa bi firi baabi a, ɛne Eliasib efie ɛpono di nhwɛanimu no, de kɔsii efie no nkyɛn baabi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ɔno so na Hakos ba, Uria ba, Meremot bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu de fii Eliasib fi pon ano kosii Eliasib fi awiei noho.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:21
8 Referencias Cruzadas  

Na Kos woo Anub, Sobeba ne Aharhel Harum ba mmusua.


Na asɔfoɔ mma mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mma mu baako na wɔde wɔn din too no mma):


Na ɛda a ɛtɔ so nnan no, wɔkarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie de hyɛɛ Uria ba Ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas ba Eleasa a ɔka ne ho no nsa, na Lewifoɔ, Yesua ba Yosabad ne Binui ba Noadia nso ka wɔn ho.


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.


Ɔno so na Sabai ba Baruk bɛtoa bɔɔ mmɔden miamiaa esini a ɛka ho no mu firi ntweaso no ho de kɔsii Ɔsɔfo panin Eliasib fie pono ano.


Ɔno so na asɔfoɔ no, Yordan nsunoafoɔ no, bɛtoaa so miamiaa mu.


Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba Sadok miamiaa mu.


Na asɔfoɔ mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mmammaa mu bi, na wɔde wɔn din too ne mma),


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios