Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:13 - Twerɛ Kronkron

13 Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Sanoafoɔ a Hanun da wɔn ano no na wɔsiesiee Bɔnhwa Ɛpono no, sisii nʼapono, de nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, wɔsiesiee ɔfasuo no anammɔn apem ne ahanum de kɔsii Sumina Ɛpono no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Obon pon no, Hanun ne Sanoafo miamiaa mu, wɔn na wɔtoe na wosisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasu no basafa ahanum de kosii sumina pon no ano.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:13
7 Referencias Cruzadas  

Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor agya ne Heber a ɔyɛ Soko agya ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na yeinom ne Farao babaa Bitia a Mered waree no no mma.


Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den.


Sanoa, Adulam ne wɔn nkuraa mu, Lakis ne ɛho mfofowa so, Aseka ne ɛho nkurowa mu, na wɔtenatenaa firi Beer-seba kɔsii Hinom bonhwa mu.


Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.


Ɛnna anadwo no meforoo subonhwa no mekɔhwɛɛ ɔfasuo no, na mesane mefaa Bonhwa Pono no mu mebaa bio.


ne Sanoa ne En-ganim, Tapua ne Enam,


ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios