Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 3:8 - Twerɛ Kronkron

8 Woyɛ sene No-Amon a ɔte asutene ntam a nsuo nko atwa ne ho ahyia a n’aban ne ɛpo na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasuo no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wuye sen Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsu atwa ne ho ahyia ana? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsu yɛ ne fasu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Woyɛ sene No-Amon a ɔte asutene ntam a nsuo nko atwa ne ho ahyia a n’aban ne ɛpo na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasuo no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Woyɛ sene Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsuo atwa he ho ahyia anaa? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsuo yɛ ne fasuo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 So wuye sen No-amon a ɔte asuten ntam a nsu nko atwa ne ho ahyia a n’aban ne ɛpo na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasu no?

Ver Capítulo Copiar




Nahum 3:8
8 Referencias Cruzadas  

Misraimhene Farao ne ne nkoa ne n’asafohene ne ne man nyinaa,


Amanaman ate wo ahohora, na wo nteamu ayɛ asase ma tɔ, na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.


Ɛbɛyɛ ahennie mu deɛ abrɛ aseɛ, na ɛremma ne ho so bio wɔ amanaman so. Na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio.


Monsene nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ, na monsiane nkɔ Filistifoɔ Gat. Wɔyɛ sene ahennie yi, anaasɛ wɔn hyeɛ mu trɛ sene mo hyeɛ anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios