Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 1:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na n’atamfo deɛ ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera, na wati wɔn akɔduru esum mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so bɛma Ninewe aba awiei. Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na n’atamfo deɛ ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera, na wati wɔn akɔduru esum mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so bɛma Ninewe aba awieeɛ. Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na n’atamfo de nsuyiri bɛma sibea ayera, na watiw wɔn akodu esum mu.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 1:8
26 Referencias Cruzadas  

Ahuyideɛ adane hwɛ me so, wɔpamo me bakomadie sɛ mframa, na me yiedie asene kɔ sɛ mununkum.


hwie w’abufuo mmorosoɔ no gu, na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.


Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum kabii, wɔnnim deɛ wɔhunta.


Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan.


Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so, sɛ ɔrebɛdane asase afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.


Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma, na mede tenenee mayɛ nsania, na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no, na huntabea no nso, nsuo bɛsram so;


na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam, na mo ne Asamando nkasasie no rennyina; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛbɛtiatia mo so;


Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi, sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no.


na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohiahia ne sum nie, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.


Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo nan asunti mmepɔ kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadane no sunsum, na wama sum kabii aduru.


aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusuo a mede mereba soɔ no nyinaa nti, na wɔawie sa. Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.


Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma kyinhyia mframa abɔ wɔ m’abufuhyeɛ mu, na osuo a ɛsram soɔ aba wɔ m’abufuo mu, na asukɔtweaa aba anibereɛ mu abɛwie.


Yei nti asase renwoso na ɛsofoɔ nyinaa renni abooboo anaa? Na asase mu nyinaa bɛpuhu sɛ Asubɔnten Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asuo no.


Elkosini Nahum adehunu nwoma a ɛfa Ninewe atemmuo ho.


Na Ninewe te sɛ ɔtadeɛ firi ne tete nna mu; na wɔn de ɛ, wɔdwane. Monnyina, monnyina! Na obiara nnane n’ani.


Na ɔbɛtene ne nsa akyerɛ atifi fam, na wasɛe Asiria, na wadane Ninewe amamfo, na awo pɛsɛɛ sɛ anwea pradada so,


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.


na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios