Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 7:7 - Twerɛ Kronkron

7 na mehwɛɛ ntetekwaafoɔ mu, mehunuu mmɔfra no mu aberantewaa bi a ɔnni tire,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, ɔbabun a onni adwene.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 na mehwɛɛ ntetekwaafoɔ mu, mehunuu mmɔfra no mu aberantewaa bi a ɔnni tire,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na mehwɛɛ ntetekwaafo mu, mihuu mmofra no mu aberantewa bi a onni ti,

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 7:7
24 Referencias Cruzadas  

Na ɔwaresɛefoɔ ani twɛn sum berɛ, ɔka sɛ: Ani biara renhu me. Na ɔde nkataho kata n’anim.


Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa.


AWURADE mmara yɛ pɛ, ɛdwodwo ɔkra. AWURADE adanseɛ atim, ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa.


Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie? Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie, na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?


Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn, na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.


sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:


Nhunumufoɔ anomu na wɔhunu nyansa, na abaa fata deɛ ɔnni tire akyi.


Deɛ ɔdɔ n’asase no didi mee, na deɛ ɔdi nsɛnhunu akyire nni ti.


Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefoɔ hwɛ ne nanteɛ mu yie.


Ntetekwaa adeɛ a wɔdie ne agyimisɛm, na anitefoɔ de nimdeɛ hyehyɛ wɔn ho.


Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne.


Bɔ ɔfɛdifoɔ, na atetekwaa ani bɛte, na ka nhunumufoɔ anim, na wahunu nimdeɛ mu.


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe.


Mesianee ɔbarima kwadwofoɔ afuo ne onipa a ɔnni tire bobeturo ho,


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ de ne ho hyɛ mu, na wɔnya asotwe.


Me ba, tie me nyansa, brɛ w’aso ase ma me nteaseɛ;


Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na nto wo na nkyerɛkyerɛ ntwene.


Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti, deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra.


Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte, na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma.


Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! Na deɛ ɔnni tire nso, ɔse no sɛ:


Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! na deɛ ɔnni tire no, ɔse no sɛ:


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


Na ɔse: Mo nso moda so nte aseɛ ara?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios