Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 30:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na mensuaa nyansa, na menni ɔkronkronni no ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Minsuaa nyansa, na minni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mensuaa nyansa, na menni ɔkronkronni no ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mensuaa nyansa, na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na minsuaa nyansa, na minni ɔkronkronni no ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 30:3
15 Referencias Cruzadas  

Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini na obi nto mu, na ɔto mu, na obi nhini no, seɛ:


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Ampa ara nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhunumu.


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Mommane mfiri kwan no so, monkwae mfiri ɔtempɔn no so, momma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so.


Ma ɔman yi akoma mpirim, na wɔn aso mu nyɛ duru, na ka wɔn ani femfam so, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn akoma anhunu mu, na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ.


Na oyi team kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.


Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios