Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 26:21 - Twerɛ Kronkron

21 Sɛdeɛ gyabidie ma nsramma na nnyina ma ogya no, saa ara na ɔbarima tɔkwapɛfoɔ ma ɔko ano sɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no, saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Sɛdeɛ gyabidie ma nsramma na nnyina ma ogya no, saa ara na ɔbarima tɔkwapɛfoɔ ma ɔko ano sɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no, saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Sɛ gyabiriw yɛ ma nsramma, ne nnyina ma ogya no, sɛ ɔbarima ntɔkwapɛfo ma ɔko ano sɔ ne no.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 26:21
8 Referencias Cruzadas  

Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa, na ɔbobɔnefoɔ mmarato dɔɔso.


Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu, na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ.


Na womia nufusudaeɛ a, woyi nufosuo ani sradeɛ, na wokyim ɛhwene a, woyi mogya, saa nso na womia abufuo a, woyi ntɔkwa.


Ɔtane hwanyan ntɔkwa, na ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.


Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa.


Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asane aba no, wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no baa asafo no mu, na wɔsii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a ɔdii Dawid fie akyire sɛ Yuda abusuakuo nko.


Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios