Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 26:11 - Twerɛ Kronkron

11 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Sɛ ɔkraman san kɔ ne fe ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 26:11
7 Referencias Cruzadas  

Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na woaka sɛ: Wɔde adeɛ bɔɔ me, ante me, wɔpem me, mante, menyane ara pɛ a, mɛkɔ so mapɛ akyire kwan ara!


Deɛ ɔbɔ ɔkwasea ne anantefoɔ paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa nyinaa.


Sɛ wode wɔmma si ogyimifoɔ waduro mu fra ayuo mu mpo a, n’agyimisɛm remfiri ne ho ara da.


Na ɛfeɛ ne efi ayeyɛ apono nyinaa so ma a ɔkwan biara nni hɔ.


Ɛnna ɔkɔ na ɔkɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔyɛ bɔne sene no ka ne ho, na wɔbɛhyɛne mu tena hɔ; na onipa no akyire yi asetena yɛ bɔne sene kane deɛ no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefoɔ yi.


Na ayɛ wɔn, sɛdeɛ nokorɛ bɛ no seɛ: Ɔkraman asane kɔ ɔno ara ne feɛ ho bio, na prako a wɔadware no no asiane kɔ n’atɛkyɛ a ɔyantam mu no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios