Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 21:8 - Twerɛ Kronkron

8 Ɔbarima a ɛso da ne soɔ kwan kyea, na deɛ ne ho teɛ adwuma yɛ tee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Onipa a odi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔbarima a ɛso da ne soɔ kwan kyea, na deɛ ne ho teɛ adwuma yɛ tee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Onipa a ɛso da no so kwan kyea, na nea ne ho tew adwuma yɛ tee.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 21:8
25 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn hunuu asase, na hwɛ, asɛe, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.


Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho te.


wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan danedane.


Ɛdan atifi kokoam tena yɛ sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.


Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.


Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.


Ɔteneneeni kwan yɛ tee, wo na wototo ɔteneneeni tempɔn.


Asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim, na atɛntenenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan nkontonkyi, obiara a ɔfa soɔ nnim asomdwoeɛ.


Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua no aba na wɔde hunu dua korɔ.


Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.


na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.


Na moda so ara yɛ honam mufoɔ. Na ɛberɛ a ahoɔyea ne aperepereɛ wɔ mo mu yi, monyɛ honam mufoɔ, na ɛnyɛ nnipasɛm na moredi yi anaa?


Adeɛ nyinaa ho te ma wɔn a wɔn ho teɛ; na wɔn a wɔn ho aba fi na wɔnnye nnie no deɛ, hwee ho nte mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.


ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.


Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Na obiara a ɔwɔ ne ho anidasoɔ yi no, ɔte ne ho sɛdeɛ ɔno ho teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios